na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”
na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.