Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 1:4 - Apam Foforɔ

4 Na homma boasetɔ nwie n’adwuma, sɛnea ɔbɛyɛ a ho bewie honhom mu nyini na ho ayɛ pɛ, a bibiaa ɔnka.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 1:4
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.


Abranteɛ he ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so; mmɛ bio ne ɔsɛ sɛ meyɔ?”


Honyɛ pɛ, efiri sɛ, ho Agya ɔya soro he yɛ pɛ.


Na Yesu hwɛɛ no he, ɔdɔɔ no, na ɔkaa sɛ, “Aaka wo adeɛ baako; kɔ, kɔtɔno nea wowɔ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra bedi m’akyi.”


Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ.


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


na Nyankopɔn nipa nam so ayɛ pɛ a bɛasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he.


na yɛ nyinaa yɔ mfomsoɔ bebree. Nipa biaa a ɔnyɔ mfomsoɔ kasa mu he yɛ pɛ, na otumi to nipadua he nyinaa nnareka.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Na deɛ onni yeinom he, ɔte sɛ nifirani a ontumi nhu adeɛ a ne werɛ afiri sɛ bɛahohoro ne bɔne dadaa he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ