Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;
Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,
Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?
Anuanom, honnnka nsɛmmɔne ntia ho ho. Nipa biaa a ɔka asɛmmɔne tia bi he anaa obu bi atɛne he, ɔka asɛmmɔne tia mmara he na obu mmara he atɛne; nso sɛ wobu mmara he atɛne a, wonyɛ mmara he sodifoɔ, na mmom, woyɛ temmufoɔ.
Ne nyinaa mu he, adɔfonom, honnka soro anaa asaase ntam, anaa ntam foforɔ biaa, na mmom, homma ho ɛɛ, nyɛ ɛɛ, na ho Daabi nso nyɛ daabi, na hoankɔ afobuom.