Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Tito 3:7 - Apam Foforɔ

7 sɛdeɛ ɔbɛyɛ a, yɛnam n’adom so benya bembuo na yɛabɛyɛ adedifoɔ daa nkwa anidasoɔ he mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Tito 3:7
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Na osiim sɛ ɔɔkɔ baabi he, beema bi de mmirika bebuu nkotodwe n’anim, na obisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, mmɛ ne menyɔ na manya daa nkwa?”


Na sɛ ɔyɛ adom a, ɔnna so nyinaa nnwuma so, anyɛ saa a, hedeɛ na adom he nyɛ adom ankasa.


na afei ɔyɛ akyɛdeɛ kwa sɛ Nyankopɔn nam n’adom ne gyeɛ a ɔya Kristo Yesu mu he so abu nnipa bem.


Na yesi no pi sɛ ɔnam gyidie so ne bebu bi bem, na mmom omfiri mmara nnwuma mu.


Ne saa nti ogyina gyidie so, sɛnea ɔbɛyɛ a bɔhyɛ he begyina adom so na adi agyinamu ama n’asefoɔ nyinaa, ɔnnyɛ mmara sodifoɔ he nkoaa, na mmom bɛ a bekura Abraham gyidie he bi, efiri sɛ ɔyɛ yɛ nyinaa yɛ agya,


Na afei sɛ bi yɔ adwuma a, bemmu n’akatua sɛ akyɛdeɛ, na mmom bebu no sɛ adeɛ ɔfata no.


na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


Saa ne nka ho mu bi teɛ. Na afei bɛnam yɛ Nyankopɔn Honhom so adware ho, ate ho ho, abu ho bem Awurade Yesu Kristo dini mu.


nso yenim sɛ ɔnyɛ mmara nnwuma so ne bɛbɛfa abu bi bem, na mmom ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so. Na yɛabɛgye Kristo Yesu adi, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛnam Kristo mu gyidie so bebu yɛ bem, na mmom ɔnnam mmara nnwuma a yɛbɛyɔ so, efiri sɛ, biaa nni hɔ a bɛnam mmara nnwuma he so bebu no bem.


Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.


Nti honyɛ nkoa bio na mmom hoyɛ mma, na sɛ hoyɛ mma a, honam Nyankopɔn so yɛ adedifoɔ.


Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


Na Nyankopɔn adom a ɔde nkwagyeɛ ma nnipa nyinaa he ada adi,


mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Abraham nam gyidie so tenaa asaase a bɛahyɛ no ho bɔ he so sɛ hɔhoɔ, tenaa ntomadane mu, sɛdeɛ Isak ne Yakob nso yɔeɛ he, a bɛ nso bɛka ne ho sɛ bɔhyɛ korɔ heaa ho adedifoɔ.


Ɔno nti ne mmerɛ a Nyankopɔn yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ bɔhyɛ he ho diadeɛ he pefee ne botaeɛ a ɔnsesa he, ɔde ntam ne dii agyinamu,


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Saa ne ho, kununom nso, ɔsɛ sɛ hodwene ho yerɛnom ho ya ho asetena mu. Homfa anidie mma bɛ, na honhu sɛ bɛyɛ mmerɛ kyɛne ho, na afei nso honhu sɛ bɛne ho yɛ adedifoɔ, na bibi ansi ho mpaebɔ kwane.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ