na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.
Na ɔnyɛ sɛdeɛ mmarato he teɛ ne adom akyɛdeɛ he nso teɛ, efiri sɛ baakofoɔ mmarato nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn Adom ne nipa baako a ɔno ne Yesu Kristo he mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.
a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.
Nti hyiadane he mu nhyiamu he baa awieeɛ he, Yudafoɔ he mu pii ne bɛ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he na besuro Nyankopɔn he dii Paulo ne Barnaba akyi, na bɛkasa kyerɛɛ bɛ hyɛɛ bɛ nkurane sɛ bɛnkɔ so ntena Nyankopɔn adom mu.
nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.