Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Tito 1:9 - Apam Foforɔ

9 Ɔsɛ sɛ okura asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ a ne nyinasoɔ ne nkyerɛkyerɛ pa he mu yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ a odi mu atu fo na ɔde ayi bɛ a bɛkasa tia nɔkorɛ he atɛne nso.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Tito 1:9
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

ɔde nnamyɛ daa no adi pefee badwam sɛ Yudafoɔ he afom kwane, na ɔde Twerɛsɛm he kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.


Na sɛ ho nyinaa hohyɛ nkɔm na nea ɔnye nni anaa nipa foforɔ bi ba hɔ a, nkɔm a hohyɛ he ma ne tiboa bu no fɔ; na ho bɛma n’ani aba ne ho so.


honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


Nti afei anuanom, honnyina pintinn, na honkura nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaa o he mu, sɛ ɔnam yɛ anom asɛm anaa yɛ krataa bi so he.


nnwamamfoɔ, mmeema a bɛ ne mmeema da, nnipatɔnfoɔ, atorɔfoɔ, ntantofoɔ ɔne bibiaa a ɔne nkyerɛkyerɛ pa bɔ abira biaa.


Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.


berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa a binom apia ato nkyɛne nti, nnipa binom ahwe ase gyidie mu he;


Asɛm he yɛ nɔkwasɛm a ɔsɛ sɛ bɛgye tom koraa a akyinnye biaa nni ho.


Biaa a ɔkyerɛkyerɛ bibi foforɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo nsɛmpa ne ne nkyerɛkyerɛ a ɔyɛ nyamesompa he bɔ abira he,


Sɔ asɛmpa a wotee no me nkyɛne, gyidie ne dɔ a ɔya Yesu Kristo mu, he mu yie.


Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa.


na ɔde dwoɔ tenetene bɛ a bɛ ne no nyɛ adwene asɛm mu, sɛ ebia Nyankopɔn bɛma bɛ adwensakra ahu nɔkorɛ he,


Na wo deɛ kɔ so tena nea woasua na woagye adi he mu, na hu sɛ wosua firii yɛ nkyɛne


Na berɛ bi bɛba a nnipa ontie nkyerɛkyerɛ pa a ɔyɛ he, nso esiane sɛ bɛasom yɛ bɛ hene nti, bɛbɛboaboa akyerɛkyerɛfoɔ ano sɛnea bɛ a bɛ akɔnnɔ teɛ,


esiane sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea onni ho kwane sɛ bɛkyerɛkyerɛ, de ɔɔpɛ mfasoɔ hunu de ɔɔdane anuanom adwene ani afiri nɔkorɛ he ho nti, ɔsɛ sɛ wosi bɛ kwane na bɛankyerɛkyerɛ.


Nso wo Tito deɛ, ɔsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a odi mu.


Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho.


Na honsɔ nea howɔ he mu dene nkosi sɛ mɛba.


Ɔnkyɛre biaa mɛba. Sɔ nea wowɔ he mu dene, na bi annye wo nkunim abotire he.


Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ