Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 9:5 - Apam Foforɔ

5 bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 9:5
45 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]


Nti, sɛ Dawid frɛɛ no ‘Awurade’ a, hedeɛ ɔyɛɛ dɛ ne ɔyɛ ne ba?”


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


efiri sɛ bɛde Nyankopɔn ho nɔkorɛ sesaa torɔ na bɛsomm abɔdeɛ sene sɛ bɛbɛsom Bɔadeɛ, ɔno ne nhyira nka no daa! Amen.


asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn Ba he ho, nea honam fam ɔyɛ Dawid aseni


Na yei ho he, nsosonoeɛ biaa nni Yudani anaa Helani ntam; Awurade korɔ heaa ne di bɛ nyinaa bɛ so, ne yam yɛ ma bɛ a bɛbɔ ne dini nyinaa,


Ɔfa asɛmpa he ho deɛ, ho nti bɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ; nso ɔfa yie he ho deɛ, bɛyɛ adɔfoɔ, bɛ nananom nti;


Sɛ anyɛ saa a, wode honhom hyira a, ɔbɛyɛ dɛ na deɛ ɔnte aseɛ he agye w’aseda he so sɛ “Amen”, bere a onnim deɛ wooka?


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa he nim sɛ menni torɔ.


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Ɔno Nyankopɔn ne bɛkyerɛ berɛ a ɔsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ korɔ he, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔyɛ Dawid aseni he, sɛdeɛ m’asɛmpa a meka he teɛ;


nso Yesu deɛ ɔnam sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo afebɔɔ.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


“Me, Yesu, ne masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ ho saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ ya asafo mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, mene anɔpa nsoromma a ɔhyerɛn he.”


Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!


Ateasefoɔ nnan he gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanyimfoɔ he butubutuiɛ, na bɛkoto sɔreeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ