Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 9:3 - Apam Foforɔ

3 Nka mepɛ sɛ bɛde me ankasa yɛ abusudeɛ na beyi me firi Kristo mu, me mane mufoɔ a bɛyɛ me honam fam abusuafoɔ nti.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 9:3
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.


sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yennyaa wo ho krataa biaa mfirii Yudea, na anuanom a bɛaba he mu biaa mmɛbɔɔ amanneɛ, na bɛmmɛkaa wo ho nsɛmmɔne biaa.


asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn Ba he ho, nea honam fam ɔyɛ Dawid aseni


Afei meebisa sɛ, nti Nyankopɔn apo ne nkurofoɔ? Daabi da! M’ankasa meyɛ Israelni a meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusuakuo mu.


sɛnea ɔbɛyɛ a m’ankasa me nkurofoɔ bɛtwe ninkunu, na bɛagye binom.


Honkyea me busuani Herodion. Honkyea Narkiso abusuafoɔ a bɛya Awurade mu.


Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho.


Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba.


Medi awerɛhoɔ paa ne yeyaa m’akomam daa.


Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


Na me deɛ mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama bɛahwere me ama ho kra. Na sɛ medɔ ho maa no boroo so a, ɔsɛ sɛ ho dɔ he sua sene me deɛ?


Nso sɛ yɛ mpo anaa abɔfoɔ bi firi soro bɛka asɛmpa bi a ɔne nea yɛka kyerɛɛ ho he bɔ abira a, mmusuo nka oniyaa!


Sɛnea yɛadi kane aka he, saa ne meeka no bio sɛ, sɛ bi bɛka asɛm bi a ɔne nea hogyeeɛ he bɔ abira a, onii he nnue!


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Kristo bɛyɛɛ abusudeɛ maa yɛ, na ɔnam saa so gyee yɛ firii mmara nnomee he ase, efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Bɛadome biaa a ɔsɛne dua so”,


Nkoa, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ setie mma ho wuranom a bɛya asaase yi so, homfiri akoma pa mu, sɛnea hoyɔ setie ma Kristo he;


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ