Ne saa nti, nipa biaa a obebu mmara nsɛm ketewa baako mpo so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ binom ama bɛayɔ saa he, ɔbɛyɛ ketewa soro ahennie mu; nso deɛ odi so na ɔkyerɛkyerɛ ma nnipa di so he ɔbɛyɛ kɛseɛ soro ahennie mu.
Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.
Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.
Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.