Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 8:1 - Apam Foforɔ

1 Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 8:1
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Da heaa, hobehu sɛ meya m’Agya mu, na hoya me mu.


Hontena me mu na me nso mentena ho mu. Sɛnea mmane bi ankasa ntumi nso aba gye sɛ ɔtena bobe he mu he, saa nso ne hontumi nso aba gye sɛ hotena me mu.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.


Honkyea Priska ne Akwila, bɛ a bɛ ne meyɔ adwuma Kristo Yesu mu,


Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba.


Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


Na akyɛdeɛ a bɛde kyɛ kwa he nte sɛ nipa baako bɔne ho nsɛso he. Na atemmuo a ɔnam mmarato baako so he de afobuo baeɛ, nso akyɛdeɛ a bɛde kyɛ kwa he, a odi mmarato bebree akyi he de bembuo ba.


Nso afei ɔnnyɛ me ne meyɔ saa, na mmom bɔne a ɔte me mu he a.


Nti sɛ nea mempɛ ne meyɔ deɛ a, hedeɛ ɔnyɛ me ne me yɔ bio, na mmom bɔne a ɔte me mu he a.


Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.


Na dodoɔ a Nyankopɔn Honhom kyerɛ bɛ kwane he, bɛ ne bɛyɛ Nyankopɔn mma;


efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.


Hwane ne ɔsɛ sɛ obu atɛne? Kristo Yesu ne nea obu atɛne, nea owuiɛ, na benyanee no, nea ɔte Nyankopɔn nsa nifa, nea odi ma yɛ nɔkorem he.


anaa nea ɔya soro, anaa nea ɔya bunum, asaase ase, anaa abɔdeɛ biaa, mpo betumi ntete yɛ mmfiri Nyankopɔn dɔ a ɔya yɛ Awurade Kristo Yesu mu he ho.


sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;


Nso honni honam mu; hoya Honhom mu, esiane Nyankopɔn Honhom a ɔte ho mu nti. Biaa a onni Kristo Honhom he nyɛ Kristo dea.


Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,


Na sɛnea nnipa nyinaa wu Adam mu he, saa nso ne bɛ nyinaa benya nkwa Kristo mu.


Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Kristo bɛyɛɛ abusudeɛ maa yɛ, na ɔnam saa so gyee yɛ firii mmara nnomee he ase, efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Bɛadome biaa a ɔsɛne dua so”,


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.


Hontena Honhom mu, nea meeka ne sɛ, honnnyɔ nea honam pɛ.


Sɛ yɛte ase Honhom mu a, homma Honhom he nkyerɛ yɛ kwane.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:


na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ