Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 7:9 - Apam Foforɔ

9 Na mekwatii mmara he tenaa ase berɛ bi, nso berɛ a mmaransɛm he baeɛ he, bɔne nyaneɛ

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 7:9
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Abranteɛ he ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so; mmɛ bio ne ɔsɛ sɛ meyɔ?”


Obuaa ne papa sɛ, ‘Maasom wo mfie bebree, na memmuu wo mmara so da, nso wommaa me abirekyie ba mpo sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛ ani da.


Afei ɔkaa sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so firi me mmɔfrase.”


Mose twerɛ faa tenenee a ofiri mmara he ho sɛ, “nipa a ɔyɔ saa nnoɔma yi benya nkwa.”


na mewuiɛ, na mmaransɛm korɔ he a ɔhyɛɛ nkwa ho bɔ he mmaa mehuu sɛ ɔyɛ wuo ma me.


Nso bɔne nam mmaransɛm he so nyaa akwannya, daadaa me na ɔnam so kuu me.


Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.


Na afei deɛ, yɛade yɛ ho afiri mmara he mu, yɛawu afiri nea ɔfaa yɛ nommum he ase, na yɛnam Honhom he so ayɛ nkoa kwane foforɔ so, na ɔnyɛ kwane dadaa a ogyina atwerɛeɛ dadaa he so he.


Nso bɔne, nyaa kwane, de anibereɛ nyinaa hyɛɛ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.


Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Na menam mmara he so wu maa mmara he, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛtena ase ama Nyankopɔn. Bɛabɔ me ne Kristo asennua mu;


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ