Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 7:7 - Apam Foforɔ

7 Ne saa nti mmɛ ne yɛnka? Mmara he yɛ bɔne anaa? Daabi da! Nso, sɛ ɔnyɛ mmara he a, nka na menim bɔne. Sɛ mmara he anka sɛ, “Mma w’ani mmere adeɛ” a, nka na mennim nea bɛfrɛ no anibereɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 7:7
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ biaa a ɔhwɛ baa akɔnnɔ so sɛ nka ɔpɛ sɛ ɔne no bɛda he afa no n’akomam dada.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.”


Ɔbɛba abɛsɛe nhwɛsofoɔ yi na ɔde bobe turo he ama nnipa foforɔ.” Bɛtee yei he bɛkaa sɛ, “Nyankopɔn mpa ngu!”


M’ani mmere biaa dwetɛ, sikakɔkɔɔ anaa bi ntoma.


efiri sɛ mmaransɛm a ɔka sɛ, “Mmɔ adwamane; Nni awu; Mmɔ korɔno; Mma w’ani mmere” ne mmaransɛm foforɔ biaa, bɛde ne nyinaa abom asɛm baako yi mu, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”


efiri sɛ nipa biaa nni hɔ a obedi bem Nyankopɔn anim, sɛnea mmara he nnwuma teɛ, efiri sɛ yɛnam mmara he so ne yenya bɔne ho nimdeɛ.


Nti sɛ tene a yɛntene da Nyankopɔn tenenee adi a, mmɛ ne yɛbɛka? Nti Nyankopɔn ntene sɛ obehwie n’abufuo agu yɛ so? (Meka no nipa fam.)


Ɔte saa a afei mmɛ ne yɛbɛka sɛ ɔyɛ mfasoɔ a Abraham a ɔyɛ yɛ honam fam agya-panyini he nyaeɛ?


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.


Afei mmɛ bio? Yɛnyɔ bɔne efiri sɛ yenni mmara ase na mmom adom ase anaa? Daabi da!


Nso bɔne nam mmaransɛm he so nyaa akwannya, daadaa me na ɔnam so kuu me.


Nti nea ɔyɛ papa he, adane wuo ama me anaa? Daabi da! Na mmom ɔyɛ bɔne a ɔnam nea ɔyɛ papa so de wuo di dwuma me mu, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛda adi sɛ bɔne yɛ bɔne, na ɔnam mmaransɛm he so ama bɔneyɔ aboroso.


Berɛ a na yɛte honam mu he, mmara he yɛnee yɛ bɔne akɔnnɔ he, na ɔyɔɔ adwuma yɛ nnipadua mu maa yɛsoo aba maa wuo.


Nso bɔne, nyaa kwane, de anibereɛ nyinaa hyɛɛ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.


Wuo nwowɔeɛ yɛ bɔne, na bɔne tumi ne mmara.


Nso Adwammammɔ, fi, anaa anibereɛ deɛ, ɔnsɛ sɛ bɛka bata ho dini ho koraa, saa ne fata ahoteefoɔ.


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;


(efiri sɛ mmara he amma bibiaa anwie pɛyɛ); na mmom, anidasoɔ a ɔyɛ kyɛne yei so na yɛnam bɛne Nyankopɔn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ