Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 7:6 - Apam Foforɔ

6 Na afei deɛ, yɛade yɛ ho afiri mmara he mu, yɛawu afiri nea ɔfaa yɛ nommum he ase, na yɛnam Honhom he so ayɛ nkoa kwane foforɔ so, na ɔnyɛ kwane dadaa a ogyina atwerɛeɛ dadaa he so he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 7:6
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Nti ho nso ho mu ho ho sɛ hoawu ama bɔne ampa na hote ase ma Nyankopɔn, Kristo mu.


Meeka no nipafam esiane ho honam mmerɛeɛ nti. Sɛnea hode ho honam akwaa maa fi nkoa na hoyɔɔ amumuyɔ toaa amumuyɔ so he, nti saa mmerɛ yi deɛ homfa ho ho ma sɛ tenenee nkoa nkɔ ahoteɛ mu.


Daabi da, ɔnsɛ sɛ yɛyɔ saa koraa! Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ yɛ a yɛawu ama bɔne kɔ so tena bɔne mu?


Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.


Nti besiee yɛ ne no ya asubɔ mu kɔɔ wuom, sɛ, sɛnea bɛde Agya he animuonyam nyanee Kristo firii awufoɔ mu he, saa ne ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛnante nkwa foforɔ mu.


Anuanom, honnim sɛ, meekasa akyerɛ bɛ a benim mmara he, sɛ mmara he kyekyere bi berɛ a onii he te ase?


Nti baa warefoɔ hyɛ ne kunu mmara ase berɛ a ne kunu he te ase; nso sɛ okunu he wu a, ɔde ne ho firi ne kunu mmara he ase.


Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.


Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Kristo bɛyɛɛ abusudeɛ maa yɛ, na ɔnam saa so gyee yɛ firii mmara nnomee he ase, efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Bɛadome biaa a ɔsɛne dua so”,


Ɔnyɛ twetia a bɛatwa bi, anaa twetia a bentwa bi ne hia, na mmom sɛ bi bɛyɛ abɔdeɛ foforɔ ne hia!


na homfa nipasu foforɔ nhyɛ, tenenee ne kronkronyɛ mapa mu sɛ nnipa a Nyankopɔn abɔ bɛ sɛ ne nsɛso.


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ