Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 7:14 - Apam Foforɔ

14 Na yenim sɛ mmara he yɛ honhom; nso meya honam mu a, bɛatɔno me ahyɛ bɔne nkoasom ase.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 7:14
38 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.”


esiane sɛ ontumi ntua nti, ne wura he hyɛɛ sɛ bɛntɔno ɔne ne yerɛ ne ne mma ne n’agyapadeɛ nyinaa metua ka he.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ biaa a ɔhwɛ baa akɔnnɔ so sɛ nka ɔpɛ sɛ ɔne no bɛda he afa no n’akomam dada.


Berɛ a Simon Petro huu yei he, ɔkotoo Yesu nane ase kaa sɛ, “Awurade, firi me nkyɛne kɔ, na meyɛ debɔneyɛni!”


Nti Yesu ne bɛ siim kɔeɛ. Nso ɔɔyɛ aduru fie hɔ he, na sraani panyini he asoma ne nnamfoɔ dada sɛ bɛmmɛka nkyerɛ no sɛ, “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie.


Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,


Yenim sɛ bɛabɔ yɛ nipadua dada ne no asennua mu sɛnea ɔbɛyɛ a bɔne nipadua he bɛsɛe, na yɛankɔ so anyɔ bɔne nkoa.


Na menim sɛ bibi papa biaa nte me mu, mekyerɛ, me honam mu. Mewɔ pɛ pa sɛ mɛyɔ nea ɔyɛ, nso mentumi nyɔ,


Saa ara ne yɛ nso yɛteɛ; berɛ a na yɛyɛ mmɔfra he, ahonhom a bɛyɛ wiase mfitiasedeɛ he faa yɛ nkoa.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ