3 Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,
Sɛ honya boasetɔ a, hobenya ho kra.
Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase.
Nso ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so hoahoa yɛ ho Nyankopɔn mu, seesei deɛ, yɛnam ne so anya mpata yi.
na ɔnyɛ abɔdeɛ he nkoaa, na mmom yɛ nso a yɛanya aba a odi kane a ɔno ne Honhom he, yesi apinie yɛ mu dendenndene berɛ a yɛɛtwɛne sɛ bɛbɛgye yɛ ayɛ mma he, gyeɛ a bɛnam agyedeɛ so bɛgye yɛ afiri yɛ nnipadua mu he.
Na ɔnyɛ yei nkoaa; saa berɛ a Rebeka nso nam ne kunu, yɛ nana Isak so nyinsɛneeɛ he, bibi siiɛ.
Na saa amanehunu kakra yi a yɛɛfam yi, oosiesie yɛ ama daa animuonyam a ɔboro adeɛ nyinaa so a yentumi mfa seesei amanehunu yi ntoto ho koraa,
na ɔnyɛ yei nko, na ɔno ne asafo he ayi no sɛ ɔne yɛ nnante nkura adom adwuma he mu mma Awurade ankasa animuonyam na ɔnna yɛ pɛ pa he adi.
Yei nti mesrɛ ho sɛ hompa aba m’amanehunu a mehu ma ho he ho; ɔyɛ animuonyam ma ho.
efiri sɛ, ɔnam adom so ama ho akwannya sɛ Kristo nti, ɔnyɛ ne mu gyidie nko ne hobenya, na mmom sɛ hobehu amane ama no nso.
Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.
Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho.