Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 5:18 - Apam Foforɔ

18 Nti sɛnea nipa baako mmarato de bebree kɔɔ afobuo mu he, saa ne ɔnam baakofoɔ tenenee so de bembuo ne nkwa bɛma nnipa nyinaa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 5:18
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔbaa sɛ oobedi hann he ho adanseɛ, sɛ ɔbɛyɛ a nnipa nyinaa nam hann he so bɛgye adi.


Na me deɛ, sɛ bɛma me so firi wiase a, mɛtwe nnipa bebree aba me nkyɛne.”


Nti bɛbaa Yohane nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, beema a na ɔne woya Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ he, ɔɔbɔ asu ha, na nnipa nyinaa ɔɔkɔ ne nkyɛne.”


Na saa Yesu yi ne ɔnam ne so a nnipa a bɛgye no di nyinaa nya bɔne fakyɛ bɔne a bɛantumi amfa Mose mmara so ammu ho bem ho.


Kristo ne Nyankopɔn de no asi hɔ sɛ ne mogyaa he nyɛ mpatadeɛ a nipa nam gyidie so ne nya mu kyɛfa; na Nyankopɔn de ayi ne tenenee adi sɛ nnebɔne a bɛyɔɔ no kane he, ɔnam ne boasetɔ so abu n’ani agu so;


Yesus ne yɛ bɔne nti beyii no maa wuo na yɛ bembuo nti bɛyanee no he.


Saa nti ɔnam nipa baako so ne bɔne baa wiase, na wuo nam bɔne so baeɛ, maa wuo trɛ kaa nnipa nyinaa, efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne;


Na ɔnyɛ sɛdeɛ mmarato he teɛ ne adom akyɛdeɛ he nso teɛ, efiri sɛ baakofoɔ mmarato nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn Adom ne nipa baako a ɔno ne Yesu Kristo he mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.


Sɛnea ɔnam baakofoɔ asoɔdene so maa nnipa bebree yɛɛ nnebɔnyɛfoɔ he, saa ara ne nipa baako setie bɛma nnipa bebree ayɛ ahoteefoɔ.


Na bɔne amfa ho nommum bio, efiri sɛ honni mmara ase, na mmom hoya adom ase.


Na sɛnea nnipa nyinaa wu Adam mu he, saa nso ne bɛ nyinaa benya nkwa Kristo mu.


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ