Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 4:11 - Apam Foforɔ

11 Onyaa twetiatwa he ho nsɛnkyerɛnne sɛ tenenee a ɔnam gyidie so nyaeɛ he ho nsɔano berɛ a na bentwaa no twetia. Nyankopɔn yɔɔ yei nam so ama Abraham abɛyɛ bɛ a bentwaa bɛ twetia, na nso bɛgye Nyankopɔn di he nyinaa agya, na ne saa nti bɛabu bɛ nso sɛ ateneneefoɔ,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 4:11
46 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.”


Meeka akyerɛ ho, nnipa bebree firi apieeɛ ne atɔeɛ bɛba ne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena soro ahennie mu abedidi,


Na afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ampa, Nnɛ da yi nkwagyeɛ aba fie ha, efiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.


Nea ɔgye n’adanseɛ he tom he asɔ ano sɛ Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ.


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ yɛ Abraham asefoɔ, na yɛ nyɛɛ bi nkoa da. Ɛɛne nti ne wooka sɛ, ‘Hobenya adehyeɛ’?”


Twerɛsɛm he dɛ, “Nea ɔgye no di biaa nsa onsi fam.”


Na Kristo mu ne mmara he nyinaa wie pɛyɛ, nti bɛnam ne so de tenenee ma nea ɔbɛgye adi biaa.


Nso tenenee a ofiri gyidie mu he dɛ, “Nka no w’akomam sɛ, Hwane ne bɛforo akɔ soro?” (Ɔne sɛ, ɔde Kristo bɛba fam),


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛda n’ankasa ne tenenee adi saa berɛ yi mu, na berɛ a obu nipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem he, ada adi sɛ ɔyɛ teneneeni mapa.


efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem.


Mmɛ kwane so ne bɛde buu no saa? Ɔyɛ berɛ a na bentwaa no twetia he anaa betwaa no twetia wieeɛ he a? Ɔnnyɛ twetiatwa he akyi, na mmom yei siiɛ ansa na betwaa no twetia.


Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu;


sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ, meeto fapem bi Sion a ɔbɛto nnipa bebree sintidua, botane a ɔbɛma bɛahwe ase, na biaa a ɔbɛgye no adi biaa nsa onsi fam.”


Na ɔnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm he adi hwammɔ. Na ɔnyɛ bɛ a befiri Israel nyinaa ne bɛyɛ Israelfoɔ mapa,


Afei nso waahyɛ yɛ nsõ, na waama yɛ ne ba he ho nsɛnkyerɛnne a ɔno ne Honhom Kronkron he yɛ akoma mu.


Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.


saa ara nso ne ɔsɛ sɛ hohu sɛ bɛ a bɛgye di he bɛ mmom ne bɛyɛ Abraham asefoɔ.


Na yɛ deɛ, yɛnam Honhom he so ɔɔtwɛne tenenee anidasoɔ a ogyina gyidie so he dendenndene.


Na bɛ a bɛbɛfa saa nhyehyɛeɛ yi so he, asomdwie, ne mmɔborɔhunu, mmra bɛ ne Nyankopɔn mane Israel so.


Na ho nso, berɛ a hotee nɔkorɛ asɛm he, ho nkwagyeɛ ho asɛmpa he, honyaa ne mu anidasoɔ. Ne muaa nso ne berɛ a hogyediiɛ he, bɛde Honhom Kronkron a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he hyɛɛ ho nso;


Na honnho Nyankopɔn Honhom Kronkron he werɛ, nea bɛde no ahyɛ ho nso ama gyeɛ da he.


na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Afei bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnsɛe serɛ anaa nnua anaa afideɛ biaa. Na mmom nnipa a Nyankopɔn ahyɛnsodeɛ he bi nni bɛ moma so he deɛ, betumi ha bɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ