Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 3:30 - Apam Foforɔ

30 efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 3:30
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti sɛ bɛ a bentwaa twetia he di mmara he so a, twetia a bentwaeɛ he nti bemmu bɛ sɛ bɛ a bɛatwa bɛ twetia anaa?


Nti bɛ a honam fam bentwaa bɛ twetia na nso bedi mmara he so he bebu ho a bɛatwerɛ mmara he amma ho, na bɛatwa ho twetia nso hoto mmara he fɔ.


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


Na yesi no pi sɛ ɔnam gyidie so ne bebu bi bem, na mmom omfiri mmara nnwuma mu.


Ne saa nti ogyina gyidie so, sɛnea ɔbɛyɛ a bɔhyɛ he begyina adom so na adi agyinamu ama n’asefoɔ nyinaa, ɔnnyɛ mmara sodifoɔ he nkoaa, na mmom bɛ a bekura Abraham gyidie he bi, efiri sɛ ɔyɛ yɛ nyinaa yɛ agya,


Nti saa nhyira yi, kɔma bɛ a bɛatwa bɛ twetia nkoaa, anaa bɛ a bentwaa bɛ twetia nso ka ho? Yɛpae mu ka sɛ, Gyidie ne bɛde buu Abraham sɛ ɔtene.


Afei ɔnam sɛ Nyankopɔn yɛ baako nti, na onhia ntamgyinafoɔ biaa, efiri sɛ ntamgyinafoɔ gyina mu ma afa mmienu.


Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.


Na ɔnam sɛ twerɛsɛm he hu sieeɛ sɛ ɔnam gyidie so ne Nyankopɔn bebu Amanamane mufoɔ bem nti, ɔkaa asɛmpa he ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo mu ne bebehyira Amanamane mufoɔ nyinaa,” ansa na asɛmpa he ɔɔba.


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Ɔnyɛ twetia a bɛatwa bi, anaa twetia a bentwa bi ne hia, na mmom sɛ bi bɛyɛ abɔdeɛ foforɔ ne hia!


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


Na Nyankopɔn baako ne ya hɔ; na ntamgyinafoɔ nso baako ne ya Nyankopɔn ne nnipa ntam, ɔno ne Kristo Yesu a ɔyɛ nipa,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ