na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.
Hwane ne bɛte yɛ afiri Kristo dɔ ho? Ahokyerɛ mu oo, ateetee mu oo, taa mu oo, kɔm mu oo, adagyada mu oo, amaneɛ mu oo, wuo mu oo; bibiaa nni hɔ a obetumi ate yɛ afiri Kristo dɔ ho.
Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.
Na berɛ aduru sɛ bebu atɛne, na Nyankopɔn nkurofoɔ ne bebedi kane abu bɛ atɛne. Na sɛ befiti aseɛ ya yɛ so a, mmɛ kwane so ne ɔbɛfa akɔ bɛ a bɛnnye Asɛmpa a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he nni he nkyɛne?