Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 2:13 - Apam Foforɔ

13 Na ɔnyɛ bɛ a betie mmara he ne bɛyɛ ateneneefoɔ Nyankopɔn ani so, na mmom bɛ a bɛyɛ mmara he yɔfoɔ nkoaa ne benya bembuo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 2:13
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Meka kyerɛ ho sɛ, togyeni he de bembuo sane kɔɔ ne fie sene Farisini he, efiri sɛ, biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”


Na obuaa bɛ sɛ, “Me maame ne me nuanom ne nnipa a bɛte Nyankopɔn asɛm na bɛyɔ.”


Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira.


Na saa Yesu yi ne ɔnam ne so a nnipa a bɛgye no di nyinaa nya bɔne fakyɛ bɔne a bɛantumi amfa Mose mmara so ammu ho bem ho.


Mose twerɛ faa tenenee a ofiri mmara he ho sɛ, “nipa a ɔyɔ saa nnoɔma yi benya nkwa.”


Na mmom sɛ wodi mmara he so a twetiatwa ho hia; nso sɛ wobu mmara he so a wo twetiatwa he dane bɛyɛ te sɛnea wontwaa twetia.


efiri sɛ nipa biaa nni hɔ a obedi bem Nyankopɔn anim, sɛnea mmara he nnwuma teɛ, efiri sɛ yɛnam mmara he so ne yenya bɔne ho nimdeɛ.


efiri sɛ nnipa nyinaa ayɔ bɔne na yɛtɔ sini Nyankopɔn animuonyam ho;


efiri sɛ, Nyankopɔn yɛ baako; na ɔnam gyidie korɔ he a so ne bebu twetiatwafoɔ ne bɛ a bentwaa bɛ twetia bem.


na mennim bibiaa a otia me, nso ɔno mma menni bem. Ɔyɛ Awurade ne bu me atɛne.


nso yenim sɛ ɔnyɛ mmara nnwuma so ne bɛbɛfa abu bi bem, na mmom ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so. Na yɛabɛgye Kristo Yesu adi, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛnam Kristo mu gyidie so bebu yɛ bem, na mmom ɔnnam mmara nnwuma a yɛbɛyɔ so, efiri sɛ, biaa nni hɔ a bɛnam mmara nnwuma he so bebu no bem.


Wo a wopɛ sɛ bɛde mmara bu wo bem he woate wo ho afiri Kristo ho; woahwe ase afiri adom ho.


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.


Hommma bi nnaadaa ho, mma nkumaa. Nea ɔyɔ nea ɔtene he yɛ teneneeni sɛnea ɔno nso yɛ teneneeni he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ