Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ.
Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.
Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.
Ne nyinaa akyi, mesusuu sɛ, ohia sɛ mesoma Epafrodito, me nua ne me yɔnko dwumayɔni ne me yɔnko sraani a ɔyɛ ho somafoɔ ne somfo ma me he ma no ba ho nkyɛne,
Na Yesu a bɛfrɛ no Yusto he nso kyea ho. Bɛne befiri bɛ a bɛatwa bɛ twetia he mu. Yeinom nkoaa ne me mfɛfoɔ ya Nyankopɔn ahennie he fam, na bɛabɛyɛ aboafoɔ a bɛahyɛ me dene.