Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 16:2 - Apam Foforɔ

2 sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 16:2
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Nso Anania buaa sɛ, “Awurade maate beema yi ho asɛm afiri nnipa pii hɔ, sɛ ɔde bɔne bebree adi w’ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne.


Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.


Na Petro sɔre ne bɛ kɔeɛ. Na oduruu hɔ he, bɛde no kɔɔ dane he mu abrosane he so; na akunafoɔ he nyinaa de suu baa ne nkyɛne de ntaadeɛ nhyɛaseɛ ne ntaadeɛ ngugusoɔ a Doka yɔeɛ berɛ a ɔya bɛ nkyɛne he bebree kyerɛeɛ.


Ɔtenee ne nsa na ɔmaa no so, na ɔfrɛɛ ahoteefoɔ ne akunafoɔ he de Doka maa bɛ a ɔya nkwa mu.


Nti, honnye biaa mma ɔnhyɛ Nyankopɔn animuonyam, sɛnea Kristo nso agye ho he.


Honkyea Filologo, Yulia, Nereo ɔne ne nuabaa, ne Olimpa, ne ahoteefoɔ a bɛ ne bɛya hɔ he.


Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho.


Honkyea Maria a, wayɔ adwuma dene paa ho mu he.


Honkyea Urbano a ɔyɛ me yɔnko Kristo mu dwumayɔni, ne me dɔfoɔ Staki.


Nso Adwammammɔ, fi, anaa anibereɛ deɛ, ɔnsɛ sɛ bɛka bata ho dini ho koraa, saa ne fata ahoteefoɔ.


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Nti homfa anigyeɛ nnye no fɛ so Awurade mu, honni nnipa a bɛte saa he ni,


Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.


na mmom nnwuma pa mu, sɛnea ɔfata mmaa a bɛde anidie ma Nyankopɔn.


Awurade Yesu Kristo mma honya Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu Da he! Na som a ɔsom Efeso he woaa wonim.


Saa ara nso ne mmerewafoɔ he nso, kasa kyerɛ bɛ sɛ bɛma buo nna adi bɛ abrabɔ mu, bennni nsekuro na bɛmma nsa nso mfa bɛ nommum; ɔsɛ sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ,


Meesoma no ama no asane aba wo nkyɛne bio, ɔyɛ nipa a ɔda m’akoma so paa.


Nti sɛ wobu me sɛ wo yɔnko dwumayɔni deɛ a, gye no fɛ so sɛdeɛ nka wobɛgye me he.


Sɛ bi ba ho nkyɛne na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammra ho a, honnnye no nkɔ ho fie, na honnkyea no nka sɛ, “Asomdwie nka wo,”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ