9 Na yei nti Kristo wuiɛ na ɔte ase bio, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ nyinaa bɛ Awurade.
Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.
Nti na ɔnsɛ sɛ Kristo he hu amaneɛ yi nyinaa na ɔkɔ n’Animuonyam mu anaa?”
Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, sɛ ayuo ba baako antɔ fam anwu a, ɔdasoaa yɛ ba baako; nso sɛ owu a ɔsõ mma bebree.
Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.
Ɔhyɛɛ yɛ sɛ yɛnka nkyerɛ mane he na yenni adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn ayi no sɛ ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa temmufoɔ.
efiri sɛ, sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade na wode w’akoma gye di sɛ Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wobenya nkwa.
Na yeinom nyinaa mu he, Kristo dɔ he ne hyɛ yɛ, efiri sɛ, yenim pefee sɛ baako wu maa yɛ nyinaa; saa deɛ a ɔte sɛ yɛ nyinaa yɛawu.
Na yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ na ɔsɔreeɛ bio a, saa ara nso ne Nyankopɔn de bɛ a bɛawu he nam Yesu so bɛka Yesu ho aba.
Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.
Afei mehyɛ wo Nyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne n’ahoyie ne n’ahennie mu he anim sɛ:
nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.
Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.
Nso bebebu bɛ ho nkonta akyerɛ Nyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne he.
Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.
“Twerɛ krataa yi kɔma Smirna asafo mu bɔfoɔ he sɛ: ‘Saa asɛm yi firi kannifoɔ ne kyidifoɔ he nkyɛne. Ɔno ne wuiɛ, na ɔte ase bio he.