Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 14:3 - Apam Foforɔ

3 Ɔnsɛ sɛ bɛ a bedi nnoɔma nyinaa he bebu bɛ a benni nnoɔma bi he animtia, na bɛ a benni nnoɔma bi he nso, ɔnsɛ sɛ bebu bɛ a bedi he atɛne; efiri sɛ Nyankopɔn agye saa nipa he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 14:3
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.


Afei Yohane asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne yɛ ne Farisifoɔ he taa kyene kɔm, na wo asuafoɔ yi deɛ nkyene kɔm?”


Na ɔde mfantoho yi nso maa binom a bɛgye bɛ ho di sɛ bɛyɛ ateneneefoɔ na bemmu bɛ a bɛaka he koraa he sɛ,


Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu,


Petro gu so ɔɔkasa he, Honhom Kronkron siane baa bɛ a bɛtee asɛm he nyinaa so.


Na nnipa a bɛya hɔ he yɛ pɔtɔfoɔ; na bɛdaa ayamyɛ sononko adi kyerɛɛ yɛ. Na nsuo a na ɔɔtɔ ne awɔ a na ɔyam nti, bɛsɔɔ gya maa yɛ de gyee yɛ nyinaa fɛ so.


Na sɛ bɛpo a bɛpoo bɛ he bɛyɛ wiase mpataa a, hedeɛ bɛ gyeɛ nso bɛyɛ nkwa a ofiri wuom!


Honnye nea ne gyidie ɔmmerɛ he na hommmu atɛne ya adwene nnaayɛ ho.


Mmɛ nti ne wobu wo ankasa wo nua atɛne? Anaa wo, ɛɛne nti ne wobu wo nua animtia?


Afei hommma yemmu biaa atɛne, nso homma yɛnyɔ yɛadwene sɛ yɛmmfa akwansideɛ nto biaa kwane mu, saa ara nso ne yɛnnto biaa sintidua.


Sɛ aduane a wodi sɛe wo nua ahonim a, hedeɛ na ɔnyɛ dɔ mu ne woonante he. Mma aduane a wodi he nto bi a Kristo wu maa no he sintidua.


ɔyɛ sɛ wonnwe nam anaa wonnom nsa anaa sɛ wonnyɔ bibi a ɔbɛto wo nua sintidua.


Nti, honnye biaa mma ɔnhyɛ Nyankopɔn animuonyam, sɛnea Kristo nso agye ho he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ