Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 13:1 - Apam Foforɔ

1 Homma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ bɛ ho ase nhyɛ mane mpanyimfoɔ tumi he ase; efiri sɛ Nyankopɔn ne ma nnipa tumi ma ɔde di dwuma, na Nyankopɔn ne de saa tumidie he sii hɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 13:1
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


Na bɛ a bɛde anigyeɛ gyee n’asɛm he maa bɛbɔɔ bɛ asu, na saa da he akra bɛyɛ mpem mmeɛnsa nso bɛyɛɛ asuafoɔ.


Mma bɔne nnni wo so, na mmom fa papa di bɔne so nim!


Saa nti biaa a ɔte atua tumidie biaa so he te nea Nyankopɔn de no asi hɔ he so atua, na bɛ a bɛyɔ saa he bɛkɔ afobuo mu.


Hommrɛbrɛ ho ho ase mma ho ho, ɔnam anidie a howɔ ma Kristo nti.


ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.


Kae Kreta asafo he sɛ bɛmmerɛ bɛ ho ase nhyɛ bɛ a bedi bɛ so ne tumidie ahodoɔ ase, bɛnyɛ setie, nsiesie bɛ ho ma nnwuma pa nyinaa,


Saa nnipa he nam saa kwane korɔ heaa so sosoo daeɛ ma bɛyɔɔ bɔne tiaa bɛ nipadua. Bemmu tumidie, na bɛkasa tiaa animuonyamfoɔ.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Na bɛatwerɛ dini “Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” agu n’ataadeɛ mu ne ne nane ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ