16 Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”
Ɔnam bɛ so ne diyifoɔ Yesaia nkɔmhyɛ he aba mu sɛ: Te deɛ hobɛte, nso hoɔnte aseɛ da na hobɛhwɛ paa, nso honnhu no yie da.
nso honnye nni, efiri sɛ honka me nnwane he ho.
Na binom gyee nea ɔkaeɛ he diiɛ, binom nso annye anni.
Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,
Nso sɛ mmane he bi bu firii ho a, na wo, wuram ngodua, bɛde wo hyɛɛ ananem sɛ wobenya ahonya a ɔya ngodua nhini he mu bi a,
nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu—
nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.
Na sɛ bɛ mu binom annye anni ɛ? Nti bɛgye a bɛannye anni he bɛsesa Nyankopɔn nɔkorɛdie he anaa?
Nso yɛda Nyankopɔn ase sɛ, hoayɛ bɔne nkoa da, na hofiri akomam abɛyɛ setie ama nkyerɛkyerɛ a bɛde hyɛɛ ho nsa,
O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!
Na hootu mmirika he yie; na afei deɛ hwane ne sii ho kwane sɛ honntie nɔkorɛ he?
na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.
Gyidie nti ne bɛfrɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ baabi a daakye bɛde bɛ ma no sɛ n’agyapadeɛ he, ɔyɔɔ setie kɔeɛ berɛ a na onnim baabi a na ɔɔkɔ he.
na bɛaka asɛmpa he akyerɛ yɛ sɛnea bɛka kyerɛɛ bɛ heaa; nso bɛannya mfasoɔ asɛm a bɛka kyerɛɛ bɛ he mu, efiri sɛ bɛ a bɛteeɛ he amfa gyidie annye.
na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,
Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.
ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.
Saa nso ne ho, ayerenom, ɔsɛ sɛ hobrɛ ho ho ase ma ho kununom sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ bɛ mu bi nnye asɛm he nni a, ho subane pa he bɛtwetwe no ama no agye asɛm he adi,