twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a ɔya Korinto, ɔne bɛ a Nyankopɔn ate bɛ ho Kristo Yesu mu na wafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɛ ahoteefoɔ, ɔne bɛ a bɛbɔ yɛ ne ho nyinaa Awurade Yesu Kristo dini baabiaa.
Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.
Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.
Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.
Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.