Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 1:9 - Apam Foforɔ

9 Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 1:9
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu Kristo, Nyankopɔn Ba he asɛmpa mfitiaseɛ.


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.


Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.”


Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Nnora anadwo, Nyankopɔn a meyɛ ne deɛ a mesom no he bɔfoɔ baa me nkyɛne


Berɛ a Nyankopɔn somaa n’Akoa he, ho nkyɛne ne ɔmaa no baa kane sɛ ɔmmɛdane ho nyinaa mfiri ho nneyɔeɛ bɔne ho na onhyira ho.”


Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ.


Sɛ nea meeka yi meboa a, Nyankopɔn mmu me fɔ: na mempɛ sɛ meha ho nti ne mamma Korinto bio he.


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa he nim sɛ menni torɔ.


Nea meetwerɛ abra ho yi, Nyankopɔn ne me danseni sɛ, menni torɔ!


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


daa me mpaebɔ nyinaa mu he, mede anigyeɛ di ma ho nyinaa,


Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.


Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.


Yɛde aseda ma Nyankopɔn da biaa ma ho na yɛkae ho mpaebɔ mu, yɛkɔ so


Yɛkɔ so bɔ mpaeɛ awia ne anadwo sɛ yebehu ho anim na yɛama ho gyidie ahyɛ ma.


Yei nti ne beyii me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ (meeka nɔkorɛ; menni torɔ), amanamane mufoɔ kyerɛkyerɛni gyidie ne nɔkorɛ mu.


Meda Nyankopɔn a mede ahonim pa som no sɛdeɛ me nananom someeɛ he ase, berɛ a mekae wo me mpaebɔ mu, anadwo ne awia.


Berɛ biaa a mɛkae wo me mpaebɔ mu he, meda me Nyankopɔn ase daa,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ