7 Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”
Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.
Na mma bɛ a bɛwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu bɛ animtia sɛ bɛyɛ anuanom nti, na mmom bɛnsom bɛ yie, efiri sɛ bɛ a bɛsom bɛ he yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom ne kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.
“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.
“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.