Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Romafoɔ 1:18 - Apam Foforɔ

18 Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Romafoɔ 1:18
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na nea bebetumi ahu afa Nyankopɔn ho he da adi pefee, efiri sɛ Nyankopɔn ayi no adi akyerɛ bɛ.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Benim Nyankopɔn ahyɛdeɛ, sɛ bɛ a bɛyɔ saa bɔne yi nyinaa fata wuo, nso nyɛ ne yɔ nkoaa ne bɛyɔeɛ na mmom bɛfoaa bɛ a bɛyɔ saa nso so.


Nti, wo nipa, wosusu sɛ, sɛnea woteeɛ biaa, sɛ wobu bɛ a bɛyɔ saa he atɛne na wo nso woyɔ saa bi a, wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo anaa?


Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


Na berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ he, berɛ a ɔsɛ mu he Kristo wu maa nnebɔnyɛfoɔ.


Nea ɔka ho koraa ne sɛ, seesei bɛde ne mogyaa abu yɛ bem, bɛnam ne so bɛgye yɛ afiri Nyankopɔn abufuo mu.


Hommfa ho nipadua mma bɔne sɛ akodeɛ amumuyɔ kwane so, na mmom homfa ho ho ma Nyankopɔn sɛ bɛ a bɛagye bɛ afiri wuom aba nkwa mu, na homfa ho ho ma sɛ tenenee akodeɛ.


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Yeinom nti ne Nyankopɔn abufuo ɔɔba bɛ a bɛyɛ asoɔdene so.


ɔne nnaadaa nsɛm ahodoɔ bebree a ɔya hɔ ma bɛ a bɛayera, efiri sɛ bɛammu nɔkorɛ dɔ he sɛ adeɛ a ɔsom bo na bɛanya nkwa.


Na afei, deɛ osi kwane he, honim sɛ bebeyi no adi ne berɛ mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ