Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Mateo 5:3 - Apam Foforɔ

3 “Nhyira ne bɛ a ahia bɛ honhom mu, efiri sɛ bɛ ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Mateo 5:3
55 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Nso ho deɛ nhyira ne ho ani, sɛ ohu, ne ho aso, sɛ ɔte.


Nso Yesu kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na ho nsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte saa ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.”


Nhyira ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔɔyɔ saa.


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Meeka akyerɛ ho, nnipa bebree firi apieeɛ ne atɔeɛ bɛba ne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena soro ahennie mu abedidi,


Afei Yesu huiɛ he, n’ani annye ho, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma mmɔfra he mmara me nkyɛne; honnsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte sei ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.


Nso ɔkaa sɛ, “Daabi, mmom, nhyira ne bɛ a betie Nyankopɔn asɛm na bedi so!”


Meka kyerɛ ho sɛ, togyeni he de bembuo sane kɔɔ ne fie sene Farisini he, efiri sɛ, biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”


Na me nso sɛnea m’agya ayi me sɛ menni ahennie so he, saa ara ne me nso meeyi ho sɛ ahennie sodifoɔ,


na hoadidi anom me pono so m’ahennie mu, na hoatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahu me nti ne woagye adi? Nhyira ne bɛ a benhuiɛ nso bɛagye adi.”


na defoɔ a ɔnyɛ gyidini he mma ne werɛ nho, efiri sɛ, ɔbetwam akɔ sɛ wiram nhwiren.


Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”


Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.


Woka sɛ, ‘Meyɛ defoɔ na maanya me ho, na mewɔ nea ohia me nyinaa.’ Nso wonnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ hiani. Woda adagya, na w’ani nso afira.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ