3 Berɛ a Yuda a oyii no maeɛ he huu sɛ bɛabua Yesu kumfɔ he, onuu ne ho, na ɔde dwetebena aduasa he sane braa asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he.
Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma.
Ɔgyee paanoo sini he wieeɛ he, Satan bɛhyɛɛ ne mu. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea woobɛyɔ he, yɔ no ntɛntɛm.”
Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.
(Saa beema yi de amumuyɔ ho akatua tɔɔ asaase, na ne wuo mu he, ɔte hweeɛ ma ne ti besii hɔ, na ne mu paeɛ ma ne yamuadeɛ nyinaa tu guiɛ.
Na Nyankopɔn mu awerɛhodie de adwensakra a ɔde nkwagyeɛ ba a nnuho biaa nni akyire ne ba, nso wiase awerɛhodie de wuo ne ba.