Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Marko 9:9 - Apam Foforɔ

9 Na afei berɛ a beesiane afiri bepɔ he so asi fam he, ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nea bɛahu he nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he benyane afiri awufoɔ mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Marko 9:9
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔnnko na ɔnnteam, na biaa nso ɔnte ne nne abɔntene.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa, awia ne anadwo he, saa ara ne Nipa Ba he bedi nnansa asaase bunu mu.


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


Na bɛkaa sɛ, “Owura, yɛkae sɛ daadaafoɔ he te ase he ɔkaa sɛ ‘Nnansa akyi he menyane.’


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛmma biaa nte yei, na afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, bɛmma akwadaa he bibi nni.


Na Yesu hyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa, na mprɛ dodoɔ a ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnnka he, saa mprɛ dodoɔ heaa ne bɛde anigyeɛ bɔɔ asɛm he dawuro.


Nti bɛde asɛm he hyɛɛ bɛ ho. Na beebisabisa nea awufoɔ sɔreeɛ he kyerɛ.


Na mpofirem bɛhwehwɛɛ hɔ he bɛanhu biaa, gye Yesu nkoaa.


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa kwane yi so ne bɛatwerɛ sɛ Kristo he behu amaneɛ na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he wasɔre afiri awufoɔ mu,


Na nne he baeɛ akyi he, behuu Yesu nkoaa. Nso bɛyɛɛ komm a bɛanka nea behuiɛ yi mu biaa ho asɛm ankyerɛ biaa saa nna he mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ