Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Marko 8:2 - Apam Foforɔ

2 “Nnipadɔm yi ne me atena nnansa di, na seesei deɛ bɛyɛ me mmɔbɔ efiri sɛ bibiaa nni hɔ a aka a bebedi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Marko 8:2
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na osii fam he, ohuu nkurofoɔ bebree; ne yam hyehyɛɛ no maa bɛ, na ɔsaa bɛ mu ayarefoɔ he yadeɛ.


Yesu huu bɛ mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa bɛ ani. Amonom hɔaa behuu adeɛ bio na bedii n’akyi.


Berɛ a ohuu nnipadɔm he, ohuu bɛ mmɔbɔ, efiri sɛ na bɛɛteetee a na bɛabrɛ nso, na begu hɔ sɛ nwane a benni hwɛfoɔ.


Na Yesu nyaa tema maa no, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ, wo ho mfiri.”


Nso Yesu amma no kwane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ fie, wo nnamfonom nkyɛne, na ka nea Awurade ayɔ ama wo, ɔne mmɔborɔhunu a wayi no adi akyerɛ wo.”


Na bɛ ankasa bɛde kodoɔ he firii hɔ kɔɔ baabi a biaa nni.


Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.


Sɛ mema bɛde kɔm kɔ a, bebetwa ahwe kwane so, binom nso firi akyirikyiri ne baeɛ.”


Ɔtaa de no kɔto gya ne nsuo mu, sɛ ɔbɛsɛe no; nso sɛ wobetumi ayɛ bibi a, hu yɛ mmɔbɔ, na boa yɛ.”


Nti ɔsɔre sii kwane so sɛ ɔɔkɔ ne papa nkyɛne. Berɛ a ɔda soaa ya akyirikyiri he, ne papa huu no, na ne yam hyehyee no maa ne ba he, na otuu mmirika kɔsɔɔ ne mu yɔɔ no atuu.


Berɛ a Awurade ani bɔɔ baa he so he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su.”


Nti na ɔsɛ sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne sɔfo panyini trodoo, Nyankopɔn fam nnoɔma mu, na wayɛ mane he bɔne ho mpatadeɛ.


efiri sɛ, sɔfopanyini a yɛwɔ he ɔnyɛ nea onni tema mma yɛ ya yɛ mmerɛyɛ mu, na ɔyɛ nea bɛasɔ no ahwɛ akwane nyinaa mu sɛ yɛ, na ne nyinaa mu he wannyɔ bɔne da.


Esiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia nti, otumi ne bɛ a bennim ne bɛ a bɛafom kwane he di no bɔkɔɔ;


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ