Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”
“Aa! Nha yɛ adwene! Nasareni Yesu, mmɛ ne yɛ ne wo wɔ yɔ? Nti wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ? Menim onii ko a woyɛ ankasa, wone Kronkronni a ofiri Nyankopɔn hɔ he.”
Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
Na Yudafoɔ a beekyinikyini tutu ahonhommɔne he mu binom nso bɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛbɔ Awurade dini agu bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne he so sɛ, “Mehyɛ ho Yesu a Paulo kaa ne ho asɛm he dini mu sɛ hompie.”
Nea ɔkɔ so yɔ bɔne he yɛ Bronsam deɛ, efiri sɛ, Bronsam firi mfitiaseɛ pɛɛ ne yɔɔ bɔne. Yei nti ne Nyankopɔn Ba he baeɛ: Ɔbaa sɛ ɔɔbɛsɛe Bronsam nnwuma.
Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.