3 Na ɔka kyerɛɛ nea ne nsa adwodwo he sɛ, “Bra ha!”
Na beema bi ya hɔ a ne nsa awu, na bebisaa no sɛ, “Ɔyɛ mmara sɛ bɛsa yadeɛ homeda?” Bebisaa no yei de pɛɛ kwane a bɛbɛfa so abɔ no kwaadu.
Na bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda he anaa, na bɛde abu no fɔ.
Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” Na biaa yɔɔ komm.
Ewom sɛ na onim bɛ adwene deɛ, nso ɔka kyerɛɛ beema a ne nsa adwodwo he sɛ, “Sɔre gyina mfimfini ha.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ.
Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.
Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.
Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.
na anuanom he mu fa kɛseɛ he nam me mpokyerɛ he so anya Awurade mu awerɛhyemu ma bɛde akokoɔduro kɛseɛ ka Nyankopɔn asɛm a bensuro koraa.
Esiane sɛ Kristo huu amane ne honam mu nti, ho nso homfa adwene korɔ heaa bi mfa nhyɛ ho ho dene. Efiri sɛ, biaa a ohu amane honam mu he ne bɔne nni bibiaa yɔ.