Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Marko 2:5 - Apam Foforɔ

5 Na Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Marko 2:5
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na hwɛ, nnipa binom de bubuani bi a ɔda kɛtɛ so braa no. Berɛ a Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, ma wo akoma ntɔ wo yam, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”


Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa.


Na yei mu mɛneɛ ne ɔmmerɛ, sɛ wobɛka sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa sɛ wobɛka sɛ, ‘Sɔre nante’?


Ɔkaa saa he, atwerɛfoɔ he binom te hɔ a bebisaa bɛ mu sɛ,


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ba baa, wo gyidie asa wo yadeɛ, fa asomdwie kɔ, na wo yadeɛ he nkɔ.”


Na ohuu bɛ gyidie he, ɔkaa sɛ. “Beema, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Babaa, wo gyidie agye wo nkwa; fa asomdwie kɔ.”


Afei nso na onhia sɛ biaa di nipa ho adanseɛ kyerɛ no, efiri sɛ na ɔno ankasa nim nea ɔya nipa mu.


Yei akyi he, Yesu huu no asɔredane he mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ho ayɛ dene, nyɔ bɔne bio na nea ɔkyɛne yei amma wo so.”


Berɛ a oduruu hɔ na ohuu Nyankopɔn adom he, odii ahurusie na ofiri aseɛ hyɛɛ bɛ nyinaa nkurane sɛ bɛnkɔ so mfa akoma a onhinhim ntena Awurade mu daa.


Otiee Paulo bere a na ɔɔkasa he. Na Paulo hwɛɛ no gyee na ohuu sɛ ne gyidie betumi ama ne ho ayɛ no dene,


Saa nipa yi ne Nyankopɔn maa no so sɛ Safohene ne Agyenkwa kɔɔ ne nsa nifa so, sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔne fakyɛ.


Yei nti ne ho mu bebree ayɛ mmerɛ, na binom yare, na binom nso awuwu he.


Na deɛ hode ne mfomsoɔ bɛkyɛ no he, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede bibi akyɛ a, deɛ mede akyɛ he, ho nti ne mede kyɛeɛ Kristo anim;


Na adom ne ama bɛnam gyidie so agye ho nkwa, na omfiri ho ankasa; ɔyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ a


Sɛ ho mu bi wɔ asɛm tia ne yɔnko, a honkɔ so nya ho ho aboterɛ, na sɛ bi wɔ asɛm bi tia bi a, homfa nkyekyɛ ho ho sɛnea Awurade de ho bɔne akyɛ ho he, saa ara ne ho nso homfa nkyɛ.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye yarefoɔ he nkwa, na Awurade bɛmma no so; na sɛ woayɔ bɔne bi a, ɔde bɛkyɛ no.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ