Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Marko 10:2 - Apam Foforɔ

2 Farisifoɔ bi baeɛ, na bebisa de sɔɔ ne hwɛeɛ sɛ, “Mmara ma kwane sɛ beema bi gyae ne yerɛ?”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Marko 10:2
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ Farisifoɔ he tee deɛ wokaeɛ yi ato bɛ sintidua?”


Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛne sɛ bɛbɛsɔ no ahwɛ. Nti bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ofiri soro nkyerɛ bɛ.


Na Farisifoɔ baa ne nkyɛne bɛsɔɔ no hwɛeɛ, sɛ, “Mmara ma ho kwane sɛ asɛm bi nti beema bi gyae ne yerɛ anaa?”


Na bɛ mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ paa de asemmisa sɔɔ no hwɛɛ sɛ


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Nso Farisifoɔ he kaa sɛ, “Ɔde ahonhommɔne panyini tumi ne tu ahonhommɔne he.”


Afei Yesu firii saa bea hɔ kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. Na nnipadɔm pii betwaa ne ho hyiaa bio; na sɛdeɛ na ɔtaa yɔ he, ɔkyerɛkyerɛeɛ.


Obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne Mose hyɛɛ ho?”


Afei Farisifoɔ he baa ne nkyɛne ne no bɛgyee akyinnye, bisaa no nsɛnkyerɛnne a ofiri soro, de sɔɔ no hwɛeɛ.


Na ɔbɔɔ bɛ kɔkɔ sɛ, “Hwɛ! Honya ahweyie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho.”


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho Farisifoɔ, ho hohoro kuruwa ne ayowa ho, na ho mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mã:


Afei nso Farisifoɔ a bɛyɛ sikaniberɛ he tee yeinom nyinaa, na befirii aseɛ tweetwee no.


Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”


Nti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔhwɛ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yadeɛ homeda na bɛanya kwane bi afa so abɔ no soboɔ.


Nso Farisifoɔ ne bɛ a benim Mmara he ampene amma bɛammɔ bɛ asu. Na bɛyɔɔ saa de poo Nyankopɔn botae a ɔde ama bɛ he.)


Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?


Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Mpanyimfoɔ he bi anaa Farisifoɔ he bi agye no atom anaa?


Bɛkaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bebenya soboɔ bi abɔ no. Na Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Hommma yɛnsɔ Kristo nhwɛ, sɛdeɛ bemu bi yɔeɛ he, na awɔ kukuu bɛ he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ