Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!
Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.