Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Marko 1:1 - Apam Foforɔ

1 Yesu Kristo, Nyankopɔn Ba he asɛmpa mfitiaseɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Marko 1:1
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛ a bɛ ya kodoɔ he mu he koto sɔree Yesu, kaa sɛ, “Ampa, wo ne Nyankopɔn Ba he.”


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”


Na sɔhwɛfoɔ he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, hyɛ ma aboɔ yi nnane paanoo.”


Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Na meaa maahu na maadi ho adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn Ba he.”


Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!”


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.”


ofiri Yohane asubɔ so de besi da a bɛfaa no firii yɛ nkyɛne kɔɔ soro he mu baako ne yɛ yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.”


Yohane a odii Yesu anim baeɛ he kaa asubɔ a ɔyɛ adwensakra ho nsɛnkyerɛnne ho asɛm badwam kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa.


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ