56 Afei bɛkɔɔ akuraa foforɔ ase.
“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.
[Na Nipa Ba he baeɛ sɛ ɔɔbɛgye bɛ a bɛayera.]
sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”
Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ho ne bɔnefoɔ nni asie. Nso sɛ bi pae w’aso nifa mu a, dane baako he nso ma no;
Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”
Na Yesu kaa sɛ, “Homma no nso ha yiaa!” Na ɔde ne nsa kaa aso he maa ne ho tɔɔ no.
Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.
Nso ɔdane n’ani kaa bɛ anim.
Berɛ a bɛnam kwane so he, bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Medi w’akyi akɔ baabiaa a wobɛkɔ biaa.”
Korɔmfoɔ mma, gye sɛ oobewia, adi awu, na waseɛ adeɛ. Na me deɛ, mebaa sɛ hobenya nkwa na hoanya no mmorosoɔ.
Na sɛ bi te m’asɛm na onni so a, me deɛ memmu no atɛne efiri sɛ mamma sɛ meebebu wiase atɛne, na mmom mebaa sɛ meebɛgye wiase nkwa.
Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.
Mma bɔne nnni wo so, na mmom fa papa di bɔne so nim!
Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.