Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:5 - Apam Foforɔ

5 Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:5
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ.


Baabi a hobɛkɔ a bɛannye ho he, na bɛantie ho he, sɛ hoofiri hɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ, na ɔnyɛ adanseɛ ntia bɛ.”


“Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”


“Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”


Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”


Na fie biaa a hobɛhyɛne mu he, hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ akɔ.


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”


Nti Paulo ne Barnaba proproo bɛ nane ase mfuturo sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne ntia kuro mu hɔfoɔ, na bɛkɔɔ Ikonium.


Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ