Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:44 - Apam Foforɔ

44 “Honwɛne ho aso ntie saa nsɛm yi, na otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ adasamma nsa.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:44
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”


Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio.


efiri sɛ ná ɔɔkyerɛkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ama de no ahyɛ nnipa nsa, na bebeku no, na nnansa akyi he waasɔre bio.”


na bɛ a bɛteeɛ nyinaa de siee bɛ akoma mu, na bebisaa sɛ, “Ɛɛne koraa ne abɔfra kumaa yi bɛyɔ?” Nea nti a bɛkaa saa ne sɛ, na bennim sɛ Awurade nsa ya abɔfra he so ampa.


Afei ɔde dummienu he kɔɔ nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hwɛ! Yɛɛkɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ he atwerɛ afa Nipa ba he ho nyinaa bɛba mu.


na Maria de nsɛm yi nyinaa sieeɛ ne tim, na ɔdwendwenee ho.


Na ɔne bɛ kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ bɛ ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Afei hogye di anaa?”


Na maaka yei nyinaa akyerɛ ho na saa berɛ he duru a, hoakae sɛ maaka akyerɛ ho dada. “Na manka saa nsɛm yi ankyerɛ ho mfitiaseɛ he, efiri sɛ na meya ho nkyɛne.


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Yei nti, ɔsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛate he mu dene paa, na yɛamfiri ho da.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ