Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:41 - Apam Foforɔ

41 Yesu buaa sɛ, “Ho saa awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi a honni gyidie, me ne ho ntena na mennya ho ho aboterɛ nkosi da bɛne? Fa wo ba he bra ha.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:41
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ho a hoabrɛ, na ho so nnesoa nyinaa, hommra me nkyɛne, na mɛma ho ahomee.


Nso obuaa bɛ sɛ, “Nemmafoɔ ho yɛ nnebɔnyɛfoɔ ne awaresɛefoɔ a hobisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ sɛ diyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnne.


ɔkɔ kɔfa ahonhommɔne ahodoɔ nson a bɛ tim ɔdene sene no, na bɛbɛtena mu; na ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he saa nipa he abrabɔ bɛyɛ tane akyɛne n’ahyɛaseɛ. Saa na ɔbɛyɛ nemmafoɔ nnebɔnyɛfoɔ yi.”


Ho nneemmafoɔ a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ ne adwamammɔfoɔ bisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ a bɛde bɛma ho sɛ Yona nsɛnkyerɛnne.” Na ogyaa bɛ hɔ kɔeɛ.


Yesu buaa sɛ, nneemmafoɔ a honni gyidie na hoamane, mentena ho nkyɛne nkosi da bɛ? Onkosi da bɛ ne menya ho ho aboterɛ? Homfa no mmra me.”


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, yei nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.


Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


Afei Yesu huiɛ he, n’ani annye ho, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma mmɔfra he mmara me nkyɛne; honnsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte sei ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.


Yesu gyinaa hɔ dinn kaa sɛ, “Homfrɛ no mmra ha.” Na bɛka kyerɛɛ nifirani he sɛ, “Ma w’akoma ntɔ wo yam; sɔre, ɔɔfrɛ wo.”


Obuaa bɛ sɛ, “Ho nnemafoɔ a honni gyidie, me ne ho ntena nkosi da bɛ na ho anya gyidie? Menya ho ho abotrɛ nkosi da bɛ’? Homfa no mmra me.”


Afei obisaa bɛ sɛ, “Ho gyidie ya he?” Nso hu kaa bɛ, na bɛde ahodwiri keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hwane koraa di a otumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma bɛyɛ setie ma no yi?”


Na mesrɛɛ w’asuafoɔ he sɛ bentu honhom he mfiri ne so, nso bɛantumi.”


Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa.


Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’?


Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ, “Fa wo nsa tea ka ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ akyinnyegyefoɔ.”


Na bɛyɛ mfie aduannan mu he, onyaa bɛ nneyɔeɛ ho aboterɛ serɛ he so.


Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ, na otuu bɛ fo sɛ, “Homma bɛnnye ho mfiri awoɔ ntoatoasoɔ porɔeɛ yi mu.”


Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?


Nti yɛahu sɛ annyeannie nti ne bɛantumi anhyɛne n’ahomegyeɛ mu.


Nti homma yɛmmɔ mmɔdene nhyɛne saa ahomegyeɛ he mu bi, sɛnea ɔbɛyɛ a biaa ɔnyɔ asoɔdene korɔ heaa bi nhwe ase sɛdeɛ bɛyɔeɛ he.


na bɛaka asɛmpa he akyerɛ yɛ sɛnea bɛka kyerɛɛ bɛ heaa; nso bɛannya mfasoɔ asɛm a bɛka kyerɛɛ bɛ he mu, efiri sɛ bɛ a bɛteeɛ he amfa gyidie annye.


Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ