Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:39 - Apam Foforɔ

39 na hwɛ, honhom bi ba ne so, na ɔteaam prɛko pɛ, na otwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na obu fa so, na ɔha no kyɛre paa ansa na wafiri ne so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:39
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na berɛ biaa a ɔbɛba ne so he, ɔde no hwe fam, na n’ano twa ahuro, na ɔtwerɛ ne sẽ, na wasensene. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ he sɛ, bentu mfiri ne mu, nso bɛantumi.”


Na bɛde abeemaa he braa no. Na honhom he huu no he, ntɛmaa, soro kaa abeemaa he, na ɔhwee fam munimuniɛ, na ahuro betuaa n’ano.


Na ɔteaam, na soro kaa abeemaa he kɛse paa wieeɛ he honhommɔne he firri ne mu, na ɔyɔɔ sɛnea wawu, nti nnipa he bi kaa sɛ, “Waawu.”


Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.


(Na ɔɔhyɛ Honhom fĩ he sɛ omfiri beema he mu. Na waanya no so tumi berɛ tentene di, na bɛtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛne no, nso ɔtete mpokyerɛ he mu na honhom fĩ he twe no kɔ baabi a biaa nni.)


Na hwɛ, beema bi firi nnipadɔm he mu teaam sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo hwɛ me ba yi, efiri sɛ ɔyɛ me ba koro pɛ,


Na mesrɛɛ w’asuafoɔ he sɛ bentu honhom he mfiri ne so, nso bɛantumi.”


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Bɛwɔ hene a odi bɛ so a ɔno ne bɔfoɔ a ɔhwɛ amena donkodonko he so. Ne dini ya Hebri kasa mu ne Abadon; na Hela kasa mu nso ɔde Apolion (a n’asekyerɛ ne “Sɛefoɔ”).


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ