Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:31 - Apam Foforɔ

31 Yeinom yii bɛ ho adi animuonyam mu, na bɛkaa ne wuo a otwa sɛ owu Yerusalem he ho asɛm.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:31
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


Na afei hwɛ, mmeema mmienu ne no bɛkasaeɛ. Saa mmeemaa mmienu yi ne Mose ne Elia.


Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di!


Na yɛ nyinaa yɛayi nkatanimu he afiri yɛ anim ne yɛɛhwɛ Awurade animuonyam te sɛ yɛɛhwɛ ahwehwem, wasesa yɛ afiri adom mu kɔ adom mu, na yei firi Awurade, honhom he.


Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.


Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.


Bio nso, ɔnam gyidie nti, ne Yosef, mmerɛ a ne nna ɔɔba awieeɛ he, ɔkaa nkorɔeɛ a Israelfoɔ betu akɔ he ho asɛm, na ɔhyɛɛ ne nnompe sie ho nsamanseɛ nso.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Nso mɛbɔ mmɔdene na me wuo akyi he, hoatumi akae yeinom da biaa.


Mebuaa sɛ “Owura, wo ne wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne bɛ a bɛafiri taa mu, na bɛde Adwamaa he mogyaa ahohoro bɛ ntaadeɛ ama ayɛ fitaa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ