3 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa hwee ntu kwane he, hommfa poma anaa bɔtɔ, paanoo anaa sika; hommfa ntaadeɛ nhyɛaseɛ mmienu nso.
Ɔfrɛɛ dummienu he na ɔhyɛɛ aseɛ somaa bɛ kɔ abɔntene mmienu mmienu, na ɔmaa bɛ ahonhom fi so tumi.
Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Yei nti, meeka akyerɛ ho sɛ, honnwennwene ho kra ho, nea hobedi anaa ho nipadua anaa nea hobɛhyɛ ho,
Nti sɛ Nyankopɔn fira wuram nhahane a ɔya hɔ nnɛ na kyena bɛtwa de agu fononoo mu ahye no he ntoma saa a, mmɛ nti ne ommfira ho mmom a ho ho hia he ntoma? Oo! ho a ho gyidie sua!
Afei Yesu bisaa bɛ sɛ, “Berɛ a mesomaa ho a hoamfa sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa he, bibi hiaa ho anaa?” Bɛkaa sɛ, “Daabi!”
Na obuaa bɛ sɛ. “Nea ɔwɔ ntaadeɛ mmienu he mma nea onni bi he baako, na nea ɔwɔ bibi di nso mma deɛ onni bi he bi.”
Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi ne fie maa no; na atogyefoɔ bebree ne nnipa foforɔ bɛtenatenaa adidiiɛ hɔ.
Na fie biaa a hobɛhyɛne mu he, hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ akɔ.
Sraani biaa nni hɔ a ɔkɔ sa de asetena mu nsɛm bebare ne ho, sraani he botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɔ ne panyini ani.