Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:2 - Apam Foforɔ

2 Na ɔsomaa bɛ sɛ bɛnkɔ pae mu nka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm na bɛnsa yadeɛ,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:2
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa nnipa dummienu yi ne Yesu somaa bɛ hyɛɛ bɛ sɛ, “Hommmane nkɔ Amanamane mufoɔ hɔ, na honnwura Samariafoɔ kuro biaa mu,


Sɛ bi te ahennie he ho asɛm na ɔnnte aseɛ a, bɔnefoɔ he ba behwim deɛ bɛagu no na akomam he; yei ne deɛ beguu no kwankyɛne he.


Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Nti bɛkɔ kɔpaem kaa sɛ biaa nsakra n’adwene.


Yeinom akyi he, Awurade yii nnipa foforɔ aduɔson somaa bɛ mmienu mmienu dii n’anim kɔɔ kuro biaa ne baabiaa a na ɔno ankasa ɔɔbɛkɔ hɔ.


‘Ho kuro yi mu mfuturo mpo a oguu yɛ nane ho he, yɛ aporoporo agu ho so. Nso, homma ɔntena ho adwene mu sɛ Nyankopɔn ahennie he abɛne.’


na honsa mu ayarefoɔ yadeɛ, na honka nkyerɛ bɛ sɛ, ‘Nyankopɔn ahennie he abɛne ho.’


“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.


Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ