18 Afei berɛ a na Yesu nkoaa hyɛ baabi ɔɔbɔ mpaeɛ he, asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na obisaa bɛ sɛ, “Nnipakuo he, bɛdɛ me ne hwane?”
Na ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ. Nnwunu dwoeɛ he, na ɔno nkoaa ne ya hɔ.
Afei Yesu ne n’asuafoɔ he kɔɔ bea bi a bɛfrɛ hɔ Getsemane; na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontena ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ.”
Na afei na Yesu ya baabi ɔɔbɔ mpaeɛ. Na owiee mpaebɔ he, n’asuafoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛ sɛnea bɛbɔ mpaeɛ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ he.”
Berɛ a ɔbɔɔ nnipa he nyinaa asu he, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔɔbɔ mpaeɛ he, soro bieeɛ,
Saa nna he mu he Yesu kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mũ he nyinaa.
Bebuaa sɛ, “Binom dɛ woyɛ Yohane Suboni; na binom dɛ woyɛ Elia, na binom nso dɛ woyɛ tete adiyifoɔ he mu baako a wasɔre.”
Na afei, nsɛm yi akyi bɛyɛ nnanwɔtwe he, Yesu faa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.
Na ogu so ɔɔbɔ mpaeɛ he, n’anim tebea sakraeɛ na n’ataadeɛ yɛɛ fitaa hyerɛnhyerɛn.