Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 9:12 - Apam Foforɔ

12 Afei na adeɛ ɔɔsa. Na dummienu he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gya nnipadɔm yi kwane na ama bɛatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia he ase akɔpɛ daberɛ ne nnoɔma a behia, efiri sɛ baabi a yɛya yi mmɛne fie.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 9:12
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei berɛ a Yesu teeɛ he, ɔtenaa kodoɔ mu firii nnipadɔm he nkyɛne kɔɔ baabi a biaa nni. Nso nnipadɔm he teeɛ he, befirii nkuro so nam fam tii no.


Nso wammua no koraa. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛsrɛɛ no sɛ, “Pam no ma no nkɔ, na ɔɔteateam gu yɛ so dodo.”


Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne na ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ paa, efiri sɛ bɛatena me nkyɛne nnansa nso benni hwee a bebedi; na mempɛ sɛ mɛma bɛde kɔm akɔ, anyɛ saa a bebetumi atwa ato kwanem.”


Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ.


Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma bɛ bibi nni.” Bɛkaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu, gye sɛ ebia yɛ ankasa yɛkɔtɔ aduane bra nnipa yi nyinaa.”


Yeinom akyi he, Yesu kɔɔ Galilea po, nea bɛsane frɛ no Tiberia po, he agya.


Nɔkwasɛm ne sɛ, m’ani bɛkɔ so agye, efiri sɛ, menim sɛ ɔnam ho mpaebɔ ne Yesu Kristo Honhom mmoa so ne yei bɛyɛ me gyeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ